Native Bible

Revelation 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ.

Revelation 12:7 in English

Revelation 12:7 · Berean Standard Bible

Then a war broke out in heaven: Michael and his angels fought against the dragon, and the dragon and his angels fought back.

Context

5Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho. 6Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu. 7Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. 8Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. 9Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.