Adiyisɛm 12:5
Revelation 12:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho.
Revelation 12:5 in English
Revelation 12:5 · Berean Standard Bible
And she gave birth to a son, a male child, who will rule all the nations with an iron scepter.* And her child was caught up to God and to His throne.
Context
3Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so. 4Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe. 5Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho. 6Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu. 7Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.