Native Bible

Psalms 94:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

Psalms 94:19 in English

Psalms 94:19 · Berean Standard Bible

When anxiety overwhelms me, Your consolation delights my soul.

Context

17Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so. 18Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu. 19Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. 20Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa? 21Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.