Native Bible

Psalms 94:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.

Psalms 94:18 in English

Psalms 94:18 · Berean Standard Bible

If I say, “My foot is slipping,” Your loving devotion, O LORD, supports me.

Context

16Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me? 17Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so. 18Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu. 19Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. 20Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.