Nnwom 94:16
Psalms 94:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?
Psalms 94:16 in English
Psalms 94:16 · Berean Standard Bible
Who will rise up for me against the wicked? Who will stand for me against the workers of iniquity?
Context
14Awurade rempo ne nkurɔfoɔ;
na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da. 15Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio,
na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so. 16Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me?
Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me? 17Sɛ Awurade ammoa me a,
anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so. 18Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no,
Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.