Native Bible

Psalms 94:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade rempo ne nkurɔfoɔ; na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.

Psalms 94:14 in English

Psalms 94:14 · Berean Standard Bible

For the LORD will not forsake His people; He will never abandon His heritage.

Context

12Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no; 13Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu, kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ. 14Awurade rempo ne nkurɔfoɔ; na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da. 15Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so. 16Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.