Nnwom 94:20
Psalms 94:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?
Psalms 94:20 in English
Psalms 94:20 · Berean Standard Bible
Can a corrupt throne be Your ally— one devising mischief by decree?
Context
18Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no,
Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu. 19Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no,
wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. 20Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa?
Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa? 21Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ
na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ. 22Nanso Awurade yɛ mʼaban;
na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.