Native Bible

Psalms 94:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.

Psalms 94:21 in English

Psalms 94:21 · Berean Standard Bible

They band together against the righteous and condemn the innocent to death.*

Context

19Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. 20Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa? 21Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ. 22Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ. 23Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.