Nnwom 91:11
Psalms 91:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;
Psalms 91:11 in English
Psalms 91:11 · Berean Standard Bible
For He will command His angels concerning you to guard you in all your ways.
Context
9Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,
mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a, 10ɔhaw biara remma wo so,
na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan. 11Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no
abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu; 12wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,
na wo nan rensunti ɔboɔ. 13Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,
wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.