Native Bible

Psalms 91:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ.

Psalms 91:12 in English

Psalms 91:12 · Berean Standard Bible

They will lift you up in their hands, so that you will not strike your foot against a stone.*

Context

10ɔhaw biara remma wo so, na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan. 11Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu; 12wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ. 13Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so. 14Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.