Native Bible

Psalms 91:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.

Psalms 91:14 in English

Psalms 91:14 · Berean Standard Bible

“Because he loves Me, I will deliver him; because he knows My name, I will protect him.

Context

12wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ. 13Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so. 14Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din. 15Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam. 16Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagyeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.