Nnwom 91:9
Psalms 91:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,
Psalms 91:9 in English
Psalms 91:9 · Berean Standard Bible
Because you have made the LORD your dwelling— my refuge, the Most High—
Context
7Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,
na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,
nanso, wo deɛ, ɛrenka wo. 8Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ
na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe. 9Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,
mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a, 10ɔhaw biara remma wo so,
na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan. 11Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no
abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.