Native Bible

Psalms 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano,

Psalms 9:13 in English

Psalms 9:13 · Berean Standard Bible

Be merciful to me, O LORD; see how my enemies afflict me! Lift me up from the gates of death,

Context

11Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. 12Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so. 13Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano, 14na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu. 15Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.