Nnwom 9:12
Psalms 9:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
Psalms 9:12 in English
Psalms 9:12 · Berean Standard Bible
For the Avenger of bloodshed remembers; He does not ignore the cry of the afflicted.
Context
10Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. 11Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion;
mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. 12Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no;
ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so. 13Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me!
Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano, 14na matumi apae mu aka wʼayɛyie
wɔ Ɔbabaa Sion apono ano
na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.