Nnwom 9:10
Psalms 9:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
Psalms 9:10 in English
Psalms 9:10 · Berean Standard Bible
Those who know Your name trust in You, for You, O LORD, have not forsaken those who seek You.
Context
8Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn;
ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so. 9Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu. 10Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. 11Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion;
mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. 12Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no;
ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.