Native Bible

Psalms 88:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

Psalms 88:4 in English

Psalms 88:4 · Berean Standard Bible

I am counted among those descending to the Pit. I am like a man without strength.

Context

2Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. 3Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo. 4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. 5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio. 6Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.