Psalms 88 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn
mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ. 2Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;
brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. 3Ɔhaw ahyɛ me kra ma
na me nkwa rebɛn owuo. 4Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;
mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. 5Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,
te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,
wɔn a wonkae wɔn bio,
na wonhwɛ wɔn bio. 6Woato me atwene damena ase tɔnn,
wɔ esum kabii mu. 7Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;
woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 8Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn
woama me ho ayɛ wɔn ahi.
Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane; 9awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.
Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;
metrɛ me nsam kyerɛ wo. 10Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?
Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa? 11Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,
anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom? 12Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,
anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so? 13Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;
me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu 14Ao Awurade, adɛn nti na wopo me
na wode wʼanim hinta me? 15Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;
wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba. 16Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;
wʼahunahuna asɛe me. 17Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,
na wɔabu afa me so koraa. 18Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;
na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.