Native Bible

Psalms 87 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 87
1Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; 2Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa. 3Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn: 4“Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ” 5Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.” 6Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.” 7Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.