Nnwom 87:3
Psalms 87:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn:
Psalms 87:3 in English
Psalms 87:3 · Berean Standard Bible
Glorious things are ascribed to you, O city of God. Selah
Context
1Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; 2Awurade dɔ Sion apono no
sene Yakob atenaeɛ nyinaa. 3Wɔka wo ho animuonyamsɛm
Ao Onyankopɔn kuropɔn: 4“Mede Rahab ne Babilonia
bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,
Filistia, Tiro ne Kus nso
mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ” 5Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,
“Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,
na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.