Native Bible

Psalms 85:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?

Psalms 85:5 in English

Psalms 85:5 · Berean Standard Bible

Will You be angry with us forever? Will You draw out Your anger to all generations?

Context

3Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho. 4Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho. 5Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa? 6Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa? 7Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.