Native Bible

Psalms 85:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho.

Psalms 85:4 in English

Psalms 85:4 · Berean Standard Bible

Restore us, O God of our salvation, and put away Your displeasure toward us.

Context

2Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so. 3Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho. 4Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho. 5Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa? 6Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.