Native Bible

Psalms 85 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 85
1Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ; wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no. 2Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so. 3Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho. 4Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho. 5Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa? 6Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa? 7Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagyeɛ no. 8Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka. Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho. 9Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so. 10Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano. 11Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro. 12Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ. 13Tenenee di nʼanim siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.