Native Bible

Psalms 85:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro.

Psalms 85:11 in English

Psalms 85:11 · Berean Standard Bible

Faithfulness sprouts from the earth, and righteousness looks down from heaven.

Context

9Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so. 10Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano. 11Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro. 12Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ. 13Tenenee di nʼanim siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.