Native Bible

Psalms 84:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa.

Psalms 84:4 in English

Psalms 84:4 · Berean Standard Bible

How blessed are those who dwell in Your house! They are ever praising You. Selah

Context

2Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. 3Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. 4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa. 5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo. 6Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.