Nnwom 84:3
Psalms 84:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.
Psalms 84:3 in English
Psalms 84:3 · Berean Standard Bible
Even the sparrow has found a home, and the swallow a nest for herself, where she places her young near Your altars, O LORD of Hosts, my King and my God.
Context
1Ao Asafo Awurade,
wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! 2Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,
sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;
mʼakoma ne me honam team
frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. 3Mpo akasanoma anya fie,
na asomfena nso anwono ne pirebuo,
baabi a ɔbɛhwane ne mma
wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,
Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. 4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;
na wɔkamfo wo din daa. 5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,
na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.