Nnwom 84:5
Psalms 84:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
Psalms 84:5 in English
Psalms 84:5 · Berean Standard Bible
Blessed are those whose strength is in You, whose hearts are set on pilgrimage.
Context
3Mpo akasanoma anya fie,
na asomfena nso anwono ne pirebuo,
baabi a ɔbɛhwane ne mma
wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,
Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. 4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;
na wɔkamfo wo din daa. 5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,
na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo. 6Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,
wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;
osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so. 7Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa,
kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.