Nnwom 78:57
Psalms 78:57 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie, ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.
Psalms 78:57 in English
Psalms 78:57 · Berean Standard Bible
They turned back and were faithless like their fathers, twisted like a faulty bow.
Context
55Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no
na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;
ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu. 56Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ
na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;
na wɔanni ne mmara so. 57Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,
ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe. 58Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo
na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den. 59Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;
na ɔpoo Israel korakora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.