Nnwom 78:55
Psalms 78:55 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.
Psalms 78:55 in English
Psalms 78:55 · Berean Standard Bible
He drove out nations before them and apportioned their inheritance; He settled the tribes of Israel in their tents.
Context
53Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;
nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so. 54Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,
bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no. 55Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no
na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;
ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu. 56Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ
na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;
na wɔanni ne mmara so. 57Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,
ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.