Native Bible

Psalms 78:53 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.

Psalms 78:53 in English

Psalms 78:53 · Berean Standard Bible

He led them safely, so they did not fear, but the sea engulfed their enemies.

Context

51Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa, Ham ntomadan mu nnipa mu abakan. 52Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo; ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so. 53Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so. 54Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so, bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no. 55Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.