Native Bible

Psalms 78:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.

Psalms 78:11 in English

Psalms 78:11 · Berean Standard Bible

They forgot what He had done, the wonders He had shown them.

Context

9Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ; 10Wɔanni Onyankopɔn apam no so wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. 11Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no. 12Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. 13Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.