Native Bible

Psalms 78:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.

Psalms 78:12 in English

Psalms 78:12 · Berean Standard Bible

He worked wonders before their fathers in the land of Egypt, in the region of Zoan.

Context

10Wɔanni Onyankopɔn apam no so wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. 11Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no. 12Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. 13Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo. 14Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.