Nnwom 78:9
Psalms 78:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;
Psalms 78:9 in English
Psalms 78:9 · Berean Standard Bible
The archers of Ephraim turned back on the day of battle.
Context
7Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,
na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,
na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so. 8Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,
a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,
wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ
na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no. 9Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,
nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ; 10Wɔanni Onyankopɔn apam no so
wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. 11Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,
anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.