Native Bible

Psalms 74:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; adiyifoɔ no nyinaa asa, na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.

Psalms 74:9 in English

Psalms 74:9 · Berean Standard Bible

There are no signs for us to see. There is no longer any prophet. And none of us knows how long this will last.

Context

7Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee; wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi. 8Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so. 9Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; adiyifoɔ no nyinaa asa, na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie. 10Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa? 11Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.