Nnwom 74:10
Psalms 74:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?
Psalms 74:10 in English
Psalms 74:10 · Berean Standard Bible
How long, O God, will the enemy taunt You? Will the foe revile Your name forever?
Context
8Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”
Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so. 9Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio;
adiyifoɔ no nyinaa asa,
na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie. 10Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn?
Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa? 11Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?
Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn. 12Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete;
wode nkwagyeɛ ba asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.