Nnwom 74:3
Psalms 74:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.
Psalms 74:3 in English
Psalms 74:3 · Berean Standard Bible
Turn Your steps to the everlasting ruins, to everything in the sanctuary the enemy has destroyed.
Context
1Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?
Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan? 2Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,
abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no,
Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ. 3Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,
saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no. 4Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;
wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ. 5Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua
de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.