Native Bible

Psalms 74:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.

Psalms 74:4 in English

Psalms 74:4 · Berean Standard Bible

Your foes have roared within Your meeting place; they have unfurled their banners as signs,

Context

2Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ. 3Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no. 4Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ. 5Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ. 6Wɔde wɔn mmonnua ne nname bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.