Nnwom 74:2
Psalms 74:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.
Psalms 74:2 in English
Psalms 74:2 · Berean Standard Bible
Remember Your congregation, which You purchased long ago and redeemed as the tribe of Your inheritance— Mount Zion where You dwell.
Context
1Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?
Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan? 2Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,
abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no,
Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ. 3Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,
saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no. 4Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;
wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.