Nnwom 73:6
Psalms 73:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, na wɔde akakabensɛm afira.
Psalms 73:6 in English
Psalms 73:6 · Berean Standard Bible
Therefore pride is their necklace; a garment of violence covers them.
Context
4Wɔnhunuu ahokyere da;
na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden. 5Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so;
ɔdasani haw biara nna wɔn so. 6Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ,
na wɔde akakabensɛm afira. 7Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie;
na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka. 8Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ;
wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.