Nnwom 73:4
Psalms 73:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔnhunuu ahokyere da; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.
Psalms 73:4 in English
Psalms 73:4 · Berean Standard Bible
They have no struggle in their death; their bodies are well-fed.
Context
2Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri;
anka merehwere me nnyinasoɔ, 3ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ
ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no. 4Wɔnhunuu ahokyere da;
na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden. 5Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so;
ɔdasani haw biara nna wɔn so. 6Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ,
na wɔde akakabensɛm afira.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.