Native Bible

Psalms 73:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.

Psalms 73:8 in English

Psalms 73:8 · Berean Standard Bible

They mock and speak with malice; with arrogance they threaten oppression.

Context

6Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, na wɔde akakabensɛm afira. 7Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka. 8Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu. 9Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa. 10Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsuo bebree nom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.