Native Bible

Psalms 72:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa.

Psalms 72:15 in English

Psalms 72:15 · Berean Standard Bible

Long may he live! May gold from Sheba be given him. May people ever pray for him; may they bless him all day long.

Context

13Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ na wagye ahiafoɔ nkwa. 14Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. 15Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa. 16Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ. 17Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.