Nnwom 72:14
Psalms 72:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.
Psalms 72:14 in English
Psalms 72:14 · Berean Standard Bible
He will redeem them from oppression and violence, for their blood is precious in his sight.
Context
12Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no,
ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ. 13Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ
na wagye ahiafoɔ nkwa. 14Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu,
ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. 15Ɔhene nkwa so!
Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no.
Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no
na wɔnhyira no da mu nyinaa. 16Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa;
nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so,
ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon;
na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.