Native Bible

Psalms 71:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.

Psalms 71:8 in English

Psalms 71:8 · Berean Standard Bible

My mouth is filled with Your praise and with Your splendor all day long.

Context

6Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa. 7Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden. 8Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa. 9Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa; mʼahoɔden sa me mu a, nnya me. 10Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.