Nnwom 71:7
Psalms 71:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden.
Psalms 71:7 in English
Psalms 71:7 · Berean Standard Bible
I have become a portent to many, but You are my strong refuge.
Context
5Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade,
mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu. 6Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so;
wo na woyii me firii me maame yafunu mu.
Mɛkamfo wo daa. 7Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree,
nanso wo ne me dwanekɔbea denden. 8Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,
mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa. 9Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa;
mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.