Native Bible

Psalms 71:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.

Psalms 71:5 in English

Psalms 71:5 · Berean Standard Bible

For You are my hope, O Lord GOD, my confidence from my youth.

Context

3Yɛ me nkwagyeɛ botan faako a mɛtumi akɔ daa; hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa, na wo ne me botan ne mʼaban. 4Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam, gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam. 5Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu. 6Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa. 7Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.