Nnwom 71:19
Psalms 71:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?
Psalms 71:19 in English
Psalms 71:19 · Berean Standard Bible
Your righteousness reaches to the heavens, O God, You who have done great things. Who, O God, is like You?
Context
17Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ. 18Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,
Ao Onyankopɔn, nnya me,
kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. 19Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,
wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ.
Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo? 20Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;
nanso wobɛma me nkwa bio;
na wobɛyi me bio
afiri asase ase. 21Wobɛhyɛ me animuonyam bebree
na woakyekye me werɛ bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.