Nnwom 71:21
Psalms 71:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wobɛhyɛ me animuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio.
Psalms 71:21 in English
Psalms 71:21 · Berean Standard Bible
You will increase my honor and comfort me once again.
Context
19Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,
wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ.
Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo? 20Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;
nanso wobɛma me nkwa bio;
na wobɛyi me bio
afiri asase ase. 21Wobɛhyɛ me animuonyam bebree
na woakyekye me werɛ bio. 22Mede sankuo bɛkamfo wo
Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti
mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so
Ao Israel Kronkronni. 23Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam
ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ,
me a woagye me no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.