Native Bible

Psalms 71:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Psalms 71:18 in English

Psalms 71:18 · Berean Standard Bible

Even when I am old and gray, do not forsake me, O God, until I proclaim Your power to the next generation, Your might to all who are to come.

Context

16Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ. 17Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ. 18Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. 19Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo? 20Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea; nanso wobɛma me nkwa bio; na wobɛyi me bio afiri asase ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.