Nnwom 71:16
Psalms 71:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.
Psalms 71:16 in English
Psalms 71:16 · Berean Standard Bible
I will enter in the strength of the Lord GOD; I will proclaim Your righteousness—Yours alone.
Context
14Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa;
mɛkɔ so makamfo wo. 15Mɛka wo tenenee ho asɛm,
ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa,
nanso mennim ano. 16Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no;
mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ. 17Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ. 18Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,
Ao Onyankopɔn, nnya me,
kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.