Nnwom 69:20
Psalms 69:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kasatia ahyɛ mʼakoma so ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.
Psalms 69:20 in English
Psalms 69:20 · Berean Standard Bible
Insults have broken my heart, and I am in despair. I looked for sympathy, but there was none, for comforters, but I found no one.
Context
18Twi bɛn me na gye me;
gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti. 19Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim;
wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa. 20Kasatia ahyɛ mʼakoma so
ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ;
mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi,
mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi. 21Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu,
osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono. 22Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie;
ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.